Psalms 133

Ɔsoroforo dwom. Dawid de.


1 Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ
sɛ anuanom bɔ mu tena faako!


2 Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam,
na esian kogu bɔgyesɛ mu,
esian kogu Aaron bɔgyesɛ mu,
ma bi kogu nʼatade kɔn mu.

3 Ɛte sɛ Hermon bosu a
ɛtɔ gu Bepɔw Sion so.
Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira,
nkwa a to ntwa da no.
Copyright information for TwiAKNA